Twi: Kyerɛw wo din wɔ People’s Pension Trust (PPT) so / Register and start a pension fund with PPT
Bue app no wɔ wo fon so
Klik ‘Get Started’ no so.
Bo wo fon nɔma na klik ‘Continue’ so.
App no nam SMS so de OTP code bɛmane wo
Bo koodu no na klik ‘Confirm OTP’ so.
Hyɛ wo nsɛm no ma, a da a wɔwoo wo ka ho
App no bɛka akyerɛ wo sɛ fa PIN si hɔ.
Ahobammɔ nti, fa PIN soronko bi na klik confirm so
Bo PIN no bio na si so dua
Mfa wo PIN code nkyerɛ obiara
Mprempren wɔahyehyɛ wo akontaabu na wubetumi afi ase de sika asie w’ankasa pɛnhyen nhyehyɛe mu
Fi ase denam sika dodow bi a wo ho tɔ wo a wobɛkyerɛw so
Ebetumi ayɛ nea ɛba fam te sɛ cedi 1
Afei, fa ɔkwan a wobɛfa so atua sika a ɛfata wo
Sɛ nhwɛso no, vodafone mobile sika akontaabu
Kyerɛw wo mobile nɔma no
Afei klik ‘Frequency’ so.
Afei wubetumi afa mpɛn dodow a wopɛ sɛ wutua sika no kɔ wo pɛnhyen akontaabu mu
Klik ‘Confirm’ so.
Hwɛ nsɛm no mu, na klik Pay now so
Ebetumi ayɛ nea ɛba fam te sɛ cedi 1
Sika no bɛfiri wo sikakorabea anaa wo mobile money akonta mu, akɔ wo pɛnhyen akonta mu a egyina mpɛn dodoɔ a woafa so
Hwɛ sɛ wowɔ sika a ɛdɔɔso wɔ wo akontaabu mu a ɛbɛma sika a wɔde bɛkɔ no akɔ so
Yɛma wo tiri nkwa! Wo’ayɛ wo pension account no