
Unlock Your Potential
-
• 11/28/24
Twi: Kyerɛw wo din wɔ People’s Pension Trust (PPT) so / Register and start a pension fund with PPT
Bue app no wɔ wo fon so
Klik ‘Get Started’ no so.
Bo wo fon nɔma na klik ‘Continue’ so.
App no nam SMS so de OTP code bɛmane wo
Bo koodu no na klik ‘Confirm OTP’ so.
Hyɛ wo nsɛm no ma, a da a wɔwoo wo ka ho
App no bɛka akyerɛ wo sɛ fa PIN si hɔ.
Ahobammɔ nti, fa PIN soronko bi na klik confirm so
Bo PIN no bio na si so dua
Mfa wo PIN code nkyerɛ obiara
Mprempren wɔahyehyɛ wo akontaabu na wubetumi afi ase de sika asie w’ankasa pɛnhyen nhyehyɛe mu
Fi ase denam sika dodow bi a wo ho tɔ wo a wobɛkyerɛw so
Ebetumi ayɛ nea ɛba fam te sɛ cedi 1
Afei, fa ɔkwan a wobɛfa so atua sika a ɛfata wo
Sɛ nhwɛso no, vodafone mobile sika akontaabu
Kyerɛw wo mobile nɔma no
Afei klik ‘Frequency’ so.
Afei wubetumi afa mpɛn dodow a wopɛ sɛ wutua sika no kɔ wo pɛnhyen akontaabu mu
Klik ‘Confirm’ so.
Hwɛ nsɛm no mu, na klik Pay now so
Ebetumi ayɛ nea ɛba fam te sɛ cedi 1
Sika no bɛfiri wo sikakorabea anaa wo mobile money akonta mu, akɔ wo pɛnhyen akonta mu a egyina mpɛn dodoɔ a woafa so
Hwɛ sɛ wowɔ sika a ɛdɔɔso wɔ wo akontaabu mu a ɛbɛma sika a wɔde bɛkɔ no akɔ so
Yɛma wo tiri nkwa! Wo’ayɛ wo pension account no
-
• 11/28/24
Twi: Kyerɛw wo din wɔ EcoBank / Register with Ecobank
Klik Ecobank app icon no so na bue
Klik ‘Get Started’ no so.
na afei, ‘Dabi, meyɛ foforo wɔ Ecobank’.
Klik ‘oman a wofiri so.
Twe ko fam na klik Ghana so
Afei, bo wo mobile nɔma na klik ‘Continue’ so.
Twe Terms & conditions no ase na klik accept so
Yɛ saa ara wɔ ‘Privacy Policy’ ho.
Afei, klik ‘Open an express account’ so.
Wo nsa bɛka OTP koodu denam SMS so
Eyi hia sɛnea ɛbɛyɛ a app no betumi asi wo mobile nɔma no so dua
Hyehyɛ code no na klik Create Profile so
Fa wo din ne nsɛm afoforo a wɔabisa no na klik ‘Continue’ so.
Wɔ Identification screen no so no, fa Ghania cedi sika
Afei, klik ‘Select ID type’ so.
Klik option a wopɛ sɛ wode di dwuma ma wo account no so, hyehyɛ nsɛm a wɔabisa no na klik ‘Continue’ .
Twe kɔ fam na gye nsɛm ne nhyehyɛe ahorow no tom
Ɛkame ayɛ sɛ woadu hɔ!
Klik ‘Create a 6 digit PIN’so.
Hyehyɛ PIN a wopɛ sɛ wode si hɔ no na san hyɛ mu bio de si so dua
Afei klik Continue so
Yi ahobammɔ ho nsɛmmisa abien na fa mmuae ma
Eyi ho hia na ama woatumi asan anya wo akontaabu no sɛ ebia wo werɛ befi PIN no a
Bɔ mmɔden na fa nsɛmmisa a mmuae soronko a wo nkutoo na wunim sisi hɔ
Ɛyɛ papa sɛ worenkyɛ wo PIN ne mmuae a wode ma wɔ kokoam nsɛmmisa no ho
Sɛ wohyehyɛ kokoam nsɛmmisa abien no nyinaa wie a, klik Create Profile so
Sɛ wo fon no wɔ nneɛma no a, wubetumi ayɛ Face ID anaa Fingerprint ID
Sɛ ɛnte saa a, klik ‘Not now’ so.
Na ɛno wie wo Ecobank express account registration!
Hwehwɛ app no mu na te ne nneɛma ne sɛnea wɔde di dwuma no ase
-
• 11/28/24
Twi: Kyerɛw wo din wɔ Fido so / Register on Fido
Klik Fido app icon no so na bue
Klik ‘Register’ so.
Kyerɛw wo mobile nɔma na klik ‘Next’ so.
Afei wobɛnya OTP denam SMS so
Bo koodu no
Eyi hia sɛnea ɛbɛyɛ a app no betumi asi wo mobile nɔma no so dua
Afei app no bɛka akyerɛ wo sɛ fa PIN code bi si hɔ
You will need to use this PIN code every time you want to use the appƐho behia sɛ wode PIN code yi di dwuma bere biara a wopɛ sɛ wode app no di dwuma
Fa PIN soronko bi
San hyɛ PIN no mu na hwɛ sɛ ɛyɛ nokware
Wɔbɛka akyerɛ wo sɛ fa Ahobammɔ Asɛmmisa bi si hɔ
Fa asɛmmisa bi a mmuae soronko bi a wo nkutoo na wunim si hɔ
Wɔde kokoam asɛmmisa no di dwuma de boa wo ma wunya kwan kɔ wo akontaabu no so sɛ ebia wo werɛ befi wo PIN a
Mo, w’akyerɛw wo din wɔ Fido app no so
Kɔ mu na hwehwɛ app no mu na te ne nneɛma ne mfaso horow ase
-
• 11/28/24
Du wo Sikasɛm botae ahorow ho! Ɛne Uniti/Finance Goals with Uniti
Yɛma wo akwaaba ba wo Uniti fon so – wo kwan a ɛkɔ sikasɛm ho nimdeɛ ne sikasɛm sohwɛ mu
Ɛsɛ sɛ obiara sua sɛnea ɔbɛhwɛ ne sikasɛm so.
Sikasɛm ho mfitiasesɛm a wunim no betumi aboa wɔ ɛka ho nhyehyɛe, sikakorabea, sikasɛm nhyehyɛe ne nea ɛkeka ho mu.
Ebetumi aboa ma wode botae bi asi ho na woasiesie nhyehyɛe a ɛbɛma woatumi adu ho.
Na ɛha na yebetumi aboa.
Uniti fon no de app ahorow pii ba a ebetumi aboa wo ma woanya sikasɛm ho adesua ne nnwuma.
Sɛ wode wo fon no bue dijitaal sikakorabea, atua sika na wode wo data ahyɛ mu ma.
Eyi boa ma wɔkora bere ne sika so, na ebetumi nso aboa ma sika annyera, ankɔ baabi a ɛnteɛ, anaasɛ wɔrenwia.
Ɛtɔ da bi a, yehia sika ntɛm ara.
Sɛ woyɛ okuafo a, ebia ɛsɛ sɛ wotɔ nnuru a wɔde yɛ nnɔbae anaa nnuru a wɔde kum mmoawa, anaasɛ wuhia sɛ wudi kan yɛ ansa na woatumi atɔ aba.
Sɛ woyɛ obi a ɔtɔn nhabannuru a, wubetumi ahia sika de atɔ nhabannuru de atɔn.
Sɛ wunya nimdeɛ a ɛfata a, wubetumi de app a ɛfata a ɛwɔ wo fon so no abɔ bosea.
Sika a wɔde sie ma pɛnhyenkɔ ne insurance yɛ daakye nhyehyɛe mu nneɛma a ɛho hia.
Nanso nnipa pii nnim sɛnea eyinom betumi aboa, anaa ɔkwan ne baabi a wobefi ase.
Yɛde sikasɛm ho adesua a ɛbɛboa wo ma wode botae bi asi w’ani so na akyerɛ wo sɛnea wobɛyɛ adwuma de adu ho.
Wo Uniti fon no de apps a ɛbɛtumi aboa wo wɔ boseabɔ, pɛnhyen sikakorabea, insurance nhyehyɛeɛ, digyital sikakorabea akonta ne digyital sika kotokuo mu.
Eyinom bi ne Fido, MTN Momo, Ecobank, People’s Pension Trust ne miLife.
Wubetumi asua sɛnea wode saa app ahorow yi bedi dwuma denam ntetee video ahorow a ɛfa ho a wobɛhwɛ so.