Twi: Sɛnea Wobɛhwehwɛ nhoma wɔ Booksmart so/How to Find books on Booksmart
Hello na yɛma wo akwaaba ba booksmart nkyerɛkyerɛ no mu
Bue booksmart app no fi home screen no so
Na afei yɛbɛhwɛ eho dwumadie no wɔ soro ha
Wubetumi amia search so na woahu nhoma biara a wopɛ sɛ wokenkan
Nea ɛto so abien no wobɛbɔ so na woahu akuw ahorow no. Akuo a ɛwɔ hɔ nyinaa wobɛtumi amia emu biara so apaw nwoma afiri saa akuo no mu
Nea ɛtɔ so mmiɛnsa no fa abofra no mfeɛ ho enti wobɛtumi apaw mfeɛ a ɛfiri 3 kɔsi 5, anaa 6 kɔsi 8 anaa 9 kɔsi 12
Eyi bɛpaw nhoma ahorow a wɔayɛ ama mmofra a wɔadi wɔ saa mfe no mu
Na afei ahyɛnsodeɛ a ɛtwa toɔ no fa kasa ahodoɔ a wobɛtumi akenkan ho na enti yɛwɔ Borɔfo, Ayigbe, enti wobɛtumi apaw emu biara
Sɛ wopɛ Borɔfo kasa a wo be gya kasa no saa kɛkɛ
Sɛ wopɛ Ewe a wobɛtumi afa eno na mia so na afei ɛbɛpaw nwoma a ɛwɔ saa kasa ahodoɔ no
Enti mɛsan akɔ Borɔfo kasa mu
Yoo. Enti momma yɛnhwɛ menu a ɛwɔ ase ha no
enti yɛwɔ fie - mia fie no so na afei ɛwɔ nwoma a ɛwɔ app no so nyinaa, te sɛ nsɛm a wɔka ansa na wɔada, ne nwoma a agye din
Wubetumi amia wɔn mu biara so
Sɛ wopɛ sɛ wokenkan nhoma bi a, yɛsrɛ wo mia nhoma no so. Ɛbɛbue ama wo na afei woafi ase akenkan
sɛ wowie a wo twe kɔ kratafa a edi hɔ no so
yɛbɛsan akɔ akyi
Yɛwɔ nhoma no ho nkyerɛkyerɛmu nso
Ɛma wunya nhoma no mu nsɛm tiawa
Wɔsan nso wɔ ɔdawurubɔfo no din
yɛwɔ me nwomakorabea enti nwoma a woahyɛ aseɛ akenkan no wobɛtumi ahunu wɔ ha
Wubetumi amia wɔn so akɔ so akenkan afi kratafa a wugyaw fii so no
deɛ ɛtwa toɔ no ye foforɔ enti wobɛtumi afa wo nwomakorabea no mu ne kasa a wope
Biribiara a wopɛ sɛ wopaw no, wobɛtumi ayɛ saa enti yɛ be san akɔ home screen no so