Twi: Adwuma Botae wo Uniti so / Work Goals with Uniti
Yɛma wo akwaaba ba wo Uniti fon so – wo kwan a ɛkɔ adwuma a etu mpɔn na ɛsow aba mu.
Nnwuma ba ahorow pii
Sotɔɔ a wɔbɛhwɛ so, nneɛma a wɔbɛtɔn, anaa nnwuma te sɛ carpenter anaa anyinam ahoɔden ho nimdefo a wɔde bɛma nyinaa yɛ adwuma.
Kuadwuma mpo yɛ adwuma bi!
Na sɛ ɛba sɛ wobɛyɛ adwuma a edi mu a, kyerɛwtohɔ a ɛfata a wɔbɛyɛ ho hia.
Adwumayɛ ho kyerɛwtohɔ ma wote w’adwuma ase na wunya nea ɛrekɔ so no ho mfonini a edi mũ.
Saa nsɛm yi a wubenya no kyerɛ sɛ wusi gyinae pa na wunya nimdeɛ pii.
Na ɛnyɛ ɛno nko ara. Sɛ wopɛ sɛ wobɔ bosea a, ɛho behia sɛ wode kyerɛwtohɔ a ɛfata na edi mũ.
Na nanso, bɛboro 70% a wɔyɛ nnwuma nketewa wuranom wɔ Ghana no nkora kyerɛwtohɔ a ɛfata (2021 Population and Housing Census of Ghana).
Akuafoɔ nso yɛ adwumawuranom - wo yɛ kuayɛ adwuma denam nnɔbaeɛ a wobɛdua na afei woatɔn so.
Na ɛnyɛ mmerɛw.
Wim tebea ne asase tebea a ɛsakra, mmoawa a wɔsɛe nnɔbae ne nyarewa ma kuayɛ yɛ den.
Digitals ano aduru, te sɛ adwuma apps a ɛwɔ wo fon so no, ma nneɛma yɛ adwuma yiye na ɛyɛ mmerɛw.
Sɛ wonya nsɛm a ɛfata a, wubetumi asi gyinae pa ama w’afuw anaa w’adwuma, ayɛ adwuma yiye na ama mfaso atu mpɔn.
Eyinom bi ne Oze, FiDO ne CocoaLink.
Wubetumi asua sɛnea wode saa app ahorow yi bedi dwuma denam ntetee video ahorow a ɛfa ho a wobɛhwɛ so.