Twi: Sɛnea wobɛhwehwɛ apɔw-mu-teɛteɛ nhyehyɛe ahorow wɔ Home Workout so/Find exercises
Bue Home Workout app no
Senea ɛbɛyɛ mmerɛw ama wo no, wɔkyekyɛ exercise no mu akuwakuw sɛnea w’apɔwmuden te
Gyina wo mprempren ahoɔden so, mia ɔfã a ɛfata so
Afei, paw wo nipadua no fã a wopɛ sɛ wohyɛ no den – te sɛ wo nsa, wo nan, anaa wo yafunu. Mia mfonini no so kɛkɛ
Afei, wubehu apɔw-mu-teɛteɛ pii ama saa nipadua no fã no
Mia apɔw-mu-teɛteɛ biara a wopɛ sɛ wosɔ hwɛ so
Wɔ kratafa a edi hɔ no, wubetumi ahwɛ video no na woahu sɛnea wobɛyɛ no yiye, mfaso a ɛwɔ so, ne nea ɛkeka ho
Sɛ wowie a, mpia 'Start'. Yɛ wo exercise, afei mia ‘Done’ bere a woawie no
Ɛtɔ da bi a, wubehu dawurubɔ ahorow
Twɛn na hu cross sign no anaa close ahyɛnsode no na mia so na fi dawurubɔ no mu
Sɔ apɔw-mu-teɛteɛ ahorow hwɛ na yɛ w’ankasa apɔw-mu-teɛteɛ a wáni gye ho!
Previous
Twi: Sɛnea Wobɛkyerɛw Wo din wɔ HealthNeutron so/How to Register on HealthNeutron
Next