3/3/26

Twi: Sɛnea Wɔde Me sika bɛto Achieve mu/How to Invest my money with Achieve

app Bo app no PIN na hye ase
Twe kɔ fam na mia ‘Explore more offers’ so
Mia ‘flexible investments’ so, fa Digisave na mia continue so
wubetumi apaw Dabi na woamia Proceed so
ma edin ma wo account - ebetumi aye edin biara
sika a wɔde bɛto mu yɛ Cedis 20 ɛko, mia Continue na afei mia Proceed na fi KYC ase
fa wo din nyinaa hye mu na yi nsɛm afoforo no pɛpɛɛpɛ wo nokwaredi mu
wɔ abusuafo a wɔbɛn wo ase no, wubetumi de wo hokafo, w’awofo, anaa abusua ni foforo ho nsɛm ama
afei mia save so na toa so
kyerɛw wo ghana card nɔma ne nsɛm afoforo, hwɛ yiye na woannyɛ mfomso biara
Bo selfie ɔfã no na bue camera no na twa wo mfonin
wubetumi de adaka fitaa no akɔ baabi foforo ama w’anim abɛn afei mia ‘tick’ sɛnkyerɛnne a ɛwɔ screen no atifi nifa no so
ebia app no bɛbisa wo PIN
pia adaka no so na twa wo ghana card no anim mfonini, afei mia camera so
fa adaka fitaa no si hɔ na ama woahwɛ ahu sɛ mfonini no mu da hɔ na ɛbɛn
san yɛ adeyɛ no bio ma kaad no akyi
Mia save so na toa so
fa beae a woyɛ adwuma ne sika a wunya ho nsɛm ka ho
afei klik save so na toa so
wobebisa wo nsɛm kakraa bi afa wo sika a wunya, sika dodow a wopɛ sɛ wode hyɛ mu ne mpɛn dodow a wopɛ sɛ wode hyɛ mu no ho
wɔde nsɛmmisa yi di dwuma de yɛ wo suahu no sɛnea wopɛ na ama nea eho behia wo nkutoo
bua no pɛpɛɛpɛ sɛnea wubetumi, a egyina nea wunim nnɛ so
Sɛ wunnim a, paw nea ɛbɛn wo sen sɛ wubegyaw no kwa
Wo mmuaeɛ no nkyekyere wo na ɛrensi wo kwan wɔ biribiara mu
wo nipasu sikasie no, paw nipasu a ɛfa wo ho kɛse
mia save so na toa so
hwɛ sɛ sika a wode asie no yɛ saa, na mia continue so
paw sɛnea wopɛ sɛ wo transfer sika no, te sɛ mobile money
Mia ‘Add wallet’, fa wo momo ho nsɛm ma na mia proceed
kyerɛw OTP no na pia continue so
paw account no na mia continue so
hwɛ hu sɛ nsɛm no yɛ nokware na mia continue so
Bo wo momo pin no ma, mia send, type 1, na mia send
Mia ‘confirm transaction’ so
Mia okay so
ɛsɛ sɛ wuhu sika dodow a wo transfer ye no sɛ wo sika a ɛwɔ hɔ
afei wubefi ase anya mfaso aka nea wode asie no ho
hwehwɛ app no mu na te sikasɛm mu akwan horow, asiane ne mfaso a ɛwɔ so no ase!

Next

Twi: Sɛnea Wobɛkyerɛw Wo din wɔ Achieve/How to Register on Achieve