Twi: Sɛnea wobɛboa wo mma wɔ sukuu adwuma mu wɔ SyllabusGH so/Help with schoolwork on SyllabusGH
Wɔ Syllabus G H so no, wobɛtumi ahunu wo ba no sukuu adesua nhyehyɛeɛ
Wubehu adesua nhoma a ɛfa nsɛmti dodow bi ho
Mia asɛmti bi so, te sɛ Borɔfo Kasa
Wubehu akwan ahorow a wubetumi afa so
Mia option bi so, te sɛ nsɛmmisa a wɔde yɛ nhwɛso, na bue
App no wɔ nsɛmmisa a efi mfe ahorow mu ne Borɔfo kasa mu nsɛm ahorow
Sɛ wobɔ option bi so a, ɛbɛma woahu nsɛmmisa a wɔde bɛyɛ nhwɛso no
Hwehwɛ nsɛmti afoforo mu - na hu sɛ eyi de intanɛt data nketenkete di dwuma
App no mu nneɛma bi hwehwɛ sɛ wokyerɛw wo din ansa na woatumi anya mu kwan
Ɛtɔ da bi a, wobɛtumi de nneɛma a ɛtete saa adi dwuma denam dawurubɔ bi a wobɛhwɛ so, anaasɛ wobɛtumi atwi afa so
Fa app no boa wo ba no wɔ n’adesua mu na hwɛ sɛ n’adesua retu mpɔn!
Previous
Twi: Sɛnea Wobɛkyerɛw Wo din wɔ HealthNeutron so/How to Register on HealthNeutron
Next