11/28/24

Twi: Sɛnea wɔkyerɛw nneɛma a wɔtɔn ne ɛka a wɔbɔ Oze so/How to record sales and expenses on Oze

Hi, sɛnea wobɛkyerɛw nea wo tɔn a edi kan wɔ Oze adwumayɛ app no so ni
Wɔ wo home screen so no, mia ‘App transaction’ so
Afei, eho naa, mia ‘Sale’ so
Nea ebeba no, wobefa nea edi kan no ‘Add Manually’
Kyerɛw ade foforo no din
Hwɛ hu sɛ wode bɛka ho sɛ ade foforo
Hyehyɛ ade foforo no fã no mu
Hwɛ hu sɛ wode bɛka ho sɛ ɔfã foforo
Hyehyɛ bo a wɔtɔn no
Mia create item so
Afei, mia nea edi hɔ no so
Eha no, se nnipa no tua ne nyinaa a mia Paid no so, se wantua ne nyinaa aa  ‘Partially Paid’ anaa  woantua a mia ‘Unpaid’ .
Paw ɔkwan a wobɛfa so atua sika
Afei mia  save so
Ɛnoaa no no,  wo adi kan abo de nea wo ton ahye Oze Business App no so
Hi, sɛnea wobɛkyerɛw wo ka a edi kan wɔ Oze adwumayɛ app no so ni
Wɔ wo home screen so no, wo soro ho no, bue menu list no
Wɔ menu list no mu no, mia ‘Transaction’ so
Na wɔ asɛm no screen no so no, pia ‘Expense’ so
Wɔ pop up no so no, pia ‘Add Manually’ so
Kyerɛw ɛka a wɔbɔe no din
Hwɛ hu sɛ wode bɛka ho sɛ ade foforo
Hyehyɛ ɛka a wɔbɔe no fã
Hwɛ hu sɛ wode bɛka ho sɛ ɔfã foforo
Afei ma yɛnhyɛ ɛka bo a wɔbɔ no mu
Mia create item no so
Mia nea edi hɔ no so
Eha no, se nnipa no tua ne nyinaa a mia Paid no so, se wantua ne nyinaa aa  ‘Partially Paid’ anaa  woantua a mia ‘Unpaid’
Paw ɔkwan a wobɛfa so atua sika no
Mia save so
Ɛnoaa no no,  wo adi kan abo eka a wábo ahye Oze Business App no so

Previous

Twi: Navigate the CocoaLink app

Next

Twi: Adwuma Botae wo Uniti so / Work Goals with Uniti