Twi: Du wo Nhomasua botae ahorow ho! Ɛne Uniti/Education Goals with Uniti
Yɛma wo akwaaba ba wo Uniti fon so – wo aponkɛseɛ a ɛkɔ nwomasua pa mu.
Nhomasua pa betumi abue apon na ama woanya okwan foforo
Wɔn a wɔasua ade no nso betumi aboa wɔn mma wɔ wɔn sukuu dwumadi mu.
Nanso, ɛnyɛ obiara na onyaa sukuu pa ko ye anaa sukuupɔn pa.
Ebia na ɛsɛ sɛ nnipa binom gyae sukuukɔ na wɔantumi anwie wɔn nhomasua.
Na afei, sɛ wobɛsan atoa adesua so a, ebetumi ayɛ den yiye.
Ɛsɛ sɛ wuye adwuma, abusua, ne asɛde afoforo ho dwuma, na ɛma wunya bere kakraa bi pɛ na ama woatumi akɔ sukuu anaa sukuupɔn.
Nanso mma ɛnhaw wo, efisɛ akwan bi wɔ hɔ a wobɛfa so asan akɔ adesua.
Sɛ́ ɛyɛ w’ankasa anaa wo mma no, dijitaal ano aduru betumi ama nhomasua ayɛ mmerɛw, na ɛho ka sua.
Wo Uniti fon no de apps a wɔayɛ sɛ ɛbɛboa wo ne w’abusua aba. sua biribi fi wo fon so.
Na ɛho ka kɛse nnim!
Sɛ wo anaa wo ba pɛ sɛ wosua adesua bi a ne bo yɛ den kakra a, wubetumi anya nhomasua ho bosea.
Sɛ wowie adesua a, wobema wo Certificates anaa Diplomas.
Ebia eyinom bɛma wo tumi, ama woanya ahotoso, na ama w’adwuma anya nkɔso.
Wubetumi mpo anya adesua ahorow a wode bɛma wo ho atu mpɔn, anaasɛ woasua nneɛma foforo te sɛ mfoninitwa.
Digitals ano aduru a ɛwɔ wo fon so no bi ne Alison, Booksmart, Khan Academy ne Fido.
Wubetumi asua sɛnea wode saa app ahorow yi bedi dwuma denam ntetee video ahorow a ɛfa ho a wobɛhwɛ so.