Twi: Uniti Mmoa a wobɛdi nkitaho / Contacting Uniti Support
Sɛ wowɔ nsɛmmisa bi fa sɛnea wode Uniti app no bedi dwuma, apps a wɔde di kan, anaa nsɛmti foforo biara a ɛfa Uniti ho te sɛ akatua ho a, wubetumi akɔ Uniti Support wɔ Whatsapp so.
Sɛ wo nni Whatsapp dedaw a, wobɛtumi atwe afiri Google PlayStore.
Whatsapp a wobɛtwe no te sɛ nea woretwe app foforo biara na ɛyɛ kwa sɛ wode bedi dwuma.
Kɔ Google PlayStore na hwehwɛ Whatsapp.
Mia install so.
Di akwankyerɛ a wɔde ama no akyi na hyehyɛ wo account no.
Sɛ wɔhyehyɛ wo Whatsapp account wie a, anaasɛ wowɔ Whatsapp a ɛreyɛ adwuma wɔ wo fon so dedaw a, kɔ Uniti app no so.
Mia Uniti Support tab a ɛwɔ menu a ɛwɔ wo fon no ase no so.
Mia ‘Bisa yen wo WhatsApp’ so na bue WhatsApp nkitahodi no
Gyae nkra anaa nne krataa bi wɔ kasa a wopɛ mu a wo asɛmmisa anaa wo dadwen ka ho.
Yɛbe ma wo mmuae ntɛm ara sɛnea ɛbɛyɛ yiye.